Notice: file_put_contents(): Write of 639 bytes failed with errno=28 No space left on device in /www/wwwroot/muzbon.net/system/url_helper.php on line 265
Okomfour Kwadee - Ahwedee Abena | Скачать MP3 бесплатно
Ahwedee Abena

Ahwedee Abena

Okomfour Kwadee

Альбом: Me Toaso
Длительность: 5:52
Год: 2002
Скачать MP3

Текст песни

Woda a, ɛyɛ a, kyɛ
Me dɔfo ei, ɛnnɛ mɛte wo tɛ
Hɛɛ woda a, ɛyɛ a, kyɛ o
Me dɔfo ei, ɛnnɛ mɛte wo tɛ
Ei ɔdɔyɛwu ei, dua ei, te me tɛ
Oh, fa ma me o
Ɛyɛ me dɛ o, saa ara na mepɛ o ɔdɔ ei
Ahwedeɛ Abena ei, Ahwedeɛ Abena ei

Woda a, ɛyɛ a, kyɛ
Me dɔfo ei, ɛnnɛ mɛte wo tɛ
Hɛɛ woda a, ɛyɛ a, kyɛ o
Me dɔfo ei, ɛnnɛ mɛte wo tɛ
Ei ɔdɔyɛwu ei, dua ei, te me tɛ
Oh, fa ma me o
Ɛyɛ me dɛ o, saa ara na mepɛ o ɔdɔ ei

Me ara me girl o, pɔɔ
M'akoma mu girl o, pɔɔ
Me ara me girl o, Ahewedeɛ Abena
Mɛte wo tɛ

Brɛ wo ho ase (brɛ wo ho ase)
Brɛ wo ho ase (oh)
Ahewedeɛ Abena ateaa Foowaa
Brɛ wo ho ase
Wagyina pintinn, dinn dinn
Hwɛ sɛ wasi ne tiri ase
Gyama ɔfɛre me (ɔfɛre me)
Wobɛnom deɛn? Wobɛdi deɛn? (Wobɛdi deɛn?)
Ɛwoɔ bi reba o
Baabaa w'anum na meresɔ agum'

Hɛɛ ɛmporo ngu, ɛyɛ wodɛ
Wopɛ, Ɔkɔmfoɔ Kwaadɛɛ
(Ɛyɛ) menam a na ɔrefrɛfrɛ
Wo, meyɛɛ wo lie, woampene (o)
Da biara mebɔ hwii ba wo fie a, wompene
Woma nkraman huahua me ho ara na yɛadwa agu me so
Fumm! Na madwane (oh)
Brɛ a mabrɛ
Tirimudɛ a na 'woredie'
Ɛwiee akyire, 'mebossoo' wo

Ɛna menyaa 'woɔ'
Metee meka, metee wo tɛ (ah)
Mebɔɔ wo so mpaeɛ
Ɛnnɛ mase wo pɛ
Biribi ara akeka asi ani
Woregye wo din
Wonam a na yɛrepae wo
Kwaadɛɛ girl o
(Mamfa wo fo) wo mamfa wo fo
Wotɔ adeɛ aboɔden a wohwɛ no yie (ɛyɛ a wohwɛ no yie) ah

Me ara me girl o, pɔɔ
M'akoma mu girl o, pɔɔ
Me ara me girl o, Ahewedeɛ Abena
Mɛte wo tɛ

Woda a, ɛyɛ a, kyɛ
Me dɔfo ei, ɛnnɛ mɛte wo tɛ
Hɛɛ woda a, ɛyɛ a, kyɛ o
Me dɔfo ei, ɛnnɛ mɛte wo tɛ
Ei ɔdɔyɛwu ei, dua ei, te me tɛ
Oh, fa ma me o
Ɛyɛ me dɛ o, saa ara na mepɛ o ɔdɔ ei
Ahwedeɛ Abena ei, Ahwedeɛ Abena ei

Woda a, ɛyɛ a, kyɛ
Me dɔfo ei, ɛnnɛ mɛte wo tɛ
Hɛɛ woda a, ɛyɛ a, kyɛ o
Me dɔfo ei, ɛnnɛ mɛte wo tɛ
Ei ɔdɔyɛwu ei, dua ei, te me tɛ
Oh, fa ma me o
Ɛyɛ me dɛ o, saa ara na mepɛ o ɔdɔ ei

Me ara me girl o, pɔɔ
M'akoma mu girl o, pɔɔ
Me ara me girl o, Ahewedeɛ Abena
Atuu

Ɛyɛ a pu wo to (pu wo to)
Ɛyɛ a pu wo to (hmm)
Woyi akyea a, pu wo to
Na yɛnhu sɛ wowoso
Me ara na me deaa
Mɛhwɛ wo na mahwɛ wo yie
Ma w'ayɔnkofoɔ hyia wo a, yɛbɛkoto
Me ne no repue a, yɛto abasakɔn mu

Ɔbɔ menkyɛn mu, ɛnyɛ adeɛ a meregyae mu
N'ano feaa sɛ apatuprɛ (hɛɛ! Hwɛ)
Yɛbɔ anum nkwan tentann, wobɛte ara ne fo! (Ɛyɛ fo!)
Dedɛɛdedɛɛ, saa ara na ɛyɛ a ɛyɛ 'meɛ'
Anum nkwan o, ɛno ara na ɔde reku me o
Ɔnyɛɛ jelly (ɔnyɛɛe)
Ɔno a, ɔnyɛ perming (oh)
Watwa mpɛsɛmpɛsɛ, ɔne m'adwene yɛ pɛ

Ahwedeɛ Abena atwe akonnwa, watena ase (oh)
Ɔde me ti ato ne nan so, ɔrehwe me nkɔmmɔ
Ɔnim deaa ɔreyɔ, deɛ ɔreyɛ no mepɛ
Ɔrehwe me nkɔmmɔ, (ne nyinaa) sɛɛ ɛyɛ mmaa nkɔmmɔ (o)
Ahwedeɛ, Abena, makɔ adwuma abrɛ
Mesrɛ wo, si me ho abotare (o)
Wodeɛ da biara wopɛ sɛ mete wo tɛ
Sɔde ɛ, sɔde (sɔde) ɛyɛ a (sɔde) sɔde ɛ (sɔde ɛ)

Me ara me girl o, pɔɔ
M'akoma mu girl o, pɔɔ
Me ara me girl o, Ahewedeɛ Abena
Atuu

Woda a, ɛyɛ a, kyɛ
Me dɔfo ei, ɛnnɛ mɛte wo tɛ
Hɛɛ woda a, ɛyɛ a, kyɛ o
Me dɔfo ei, ɛnnɛ mɛte wo tɛ
Ei ɔdɔyɛwu ei, dua ei, te me tɛ
Oh, fa ma me o
Ɛyɛ me dɛ o, saa ara na mepɛ o ɔdɔ ei
Ahwedeɛ Abena ei, Ahwedeɛ Abena ei

Woda a, ɛyɛ a, kyɛ
Me dɔfo ei, ɛnnɛ mɛte wo tɛ
Hɛɛ woda a, ɛyɛ a, kyɛ o
Me dɔfo ei, ɛnnɛ mɛte wo tɛ
Ei ɔdɔyɛwu ei, dua ei, te me tɛ
Oh, fa ma me o
Ɛyɛ me dɛ o, saa ara na mepɛ o ɔdɔ ei

Ɔbaa wei, ɔtwa me sɛ saw blade (saw blade)
Ɔhold me a, ɔtwi me sɛ 'bongrase' (ah)
Obiara nim girl yi, ɔnyɛ nipa ketewa
Amanfoɔ ani 'wɔm', ɛnyɛ asɛm ketewa
Yɛaka, sɛ menni daama, menni kaprɛ
Akɔhwibra na mebɔ, nanso ɛmfa 'no' ho
Yɛkeka, sɛ me mpena te Santaase
Yɛfrɛ no Yaa Buruwaa, nanso ɛmfa 'no' ho

Yɛaka, sɛ meyɛ mmaa yiw, mmaa paamuu
Magye 'aduwa' nanso ɛmfa no ho
Yɛaka, sɛ aban agye me tuo
Ma anwummerɛ biara mefa lawyer
Nanso ɛmfa no ho
Yɛkeka, yɛaka, nanso ɛmfa no ho (oh, oh)
Ɛyɛ a na ɛmfa no ho, Abena

Woda a, ɛyɛ a, kyɛ
Me dɔfo ei, ɛnnɛ mɛte wo tɛ
Hɛɛ woda a, ɛyɛ a, kyɛ o
Me dɔfo ei, ɛnnɛ mɛte wo tɛ
Ei ɔdɔyɛwu ei, dua ei, te me tɛ
Oh, fa ma me o
Ɛyɛ me dɛ o, saa ara na mepɛ o ɔdɔ ei
Ahwedeɛ Abena ei, Ahwedeɛ Abena ei

Ei ɔdɔyɛwu ei, dua ei, te me tɛ
Oh, fa ma me o
Ɛyɛ me dɛ o, saa ara na mepɛ o ɔdɔ ei
Ahwedeɛ Abena ei, Ahwedeɛ Abena ei

Ei ɔdɔyɛwu ei, dua ei, te me tɛ
Oh, fa ma me o
Ɛyɛ me dɛ o, saa ara na mepɛ o ɔdɔ ei
Ahwedeɛ Abena ei, Ahwedeɛ Abena ei

Ei ɔdɔyɛwu ei, dua ei, te me tɛ
Oh, fa ma me o
Ɛyɛ me dɛ o, saa ara na mepɛ o ɔdɔ ei
Ahwedeɛ Abena ei, Ahwedeɛ Abena ei

Ei ɔdɔyɛwu ei, dua ei, te me tɛ
Oh-