Meeba Monkyen
Okomfour Kwadee
5:59Yo, yo, yo This's another Morris Babyface production Wompɛ m'asɛm, wose me nyɛ Da biara, me nyɛ Saa ara na ɛteɛ, obiara ba nyɛ Menyɛ mo deɛn? Menka mo sɛn? Me nko ara, me nyɛ o Me nyɛ o, me nyɛ Deɛ mobɛyɛ me biara no a ɛnyɛ yie Deɛ mede wo reyɔ Aane, obi aberanteɛ ei, me nyɛ o Da biara, me nyɛ Saa ara na ɛteɛ, obiara ba nyɛ ei Menyɛ mo deɛn? Menka mo sɛn? Me nko ara, (yɛse) me nyɛ o Me nyɛ o, me nyɛ Deɛ mobɛyɛ me biara no a ɛnyɛ yie Deɛ mede wo reyɔ, ei Maame Afua Mpɔmpɔ, ɔfiri Kɔkɔdɛ (hwɛ!) Wadi akɔneaba saa ara, ɔnya yafunu nwo ba (boe) Yɛse dunsini tua ne kunu ayaase Na wankɔ abisa, ampɛ aduro a ɔnwo Sɛɛ' ne kunu ne Agya Ananta (Ananta) Wakɔ abisa, wanya aduro, Afua ahunu amane Bosome baako, mmienu, mmiɛnsa Afua afuru pee, ɛdam, ɔnyem (o) Ananta ei, mo ne yɔ Afua nam a na wadendɛn, a'sɛ ɔnyem wiase Bosome nkron, Afua Mpɔmpɔ awo (ah) Ɔwoo deɛn? Barima, obiara repɛ ahwɛ Yɛde Afua awo o (wawo), Afua awo (wawo) Yɛnkɔ nkɔhwɛ a, Afua Mpɔmpɔ ba yi, wafɔn Agya Ananta, wahyɛ den Wahwɛ ne ba yi ma akwadaa anyini aduru mfie du Ɔdidi, ɔnyi aduane ayɛ (ei) Ɔyɛ aboa a nka ɔyɛ antorɔhweɛ Na yɛrema no nnuro; 'Afuao' ne 'Mmɔtɔ' Codeine ne Kaafarebɔt (oh) Ɔnom a ɔbɛfe, ɔfe a ɔbɛhem, ɔne a ɔbɛfɔn, asɛm Saa akwadaa no deɛ ɔnyare, ɔno nko ara kɔ nsuo, wɔ fufuo Ɔne n'a'foɔ redi agorɔ a, ɔhwe ɔmo ma ɔmo ho baa ɔmo Hwɛ, anaano, ɔmaa wɔma soɔ Nyame ampata a nka ɔhwann ne maame nsa (ei) Saa da no, fufuo ntoa num Obiara anni bi, ɔno nko ara na ɛdiiɛ Ɔnya didi menn deaa ntɔkwahunu Ɔpanin o, akwadaa o, woyɛ a ɔbɛhwe wo Na wo deɛ (ɛdeɛn asɛm) bisa no sɛ deɛn asɛm? (Ɛdeɛn aɛm?) Ɔse, "Wompɛ m'asɛm, wose me nyɛ Da biara, me nyɛ Saa ara na ɛteɛ, obiara ba nyɛ Menyɛ mo deɛn? Menka mo sɛn? Me nko ara, me nyɛ o Me nyɛ o, me nyɛ Deɛ mobɛyɛ me biara no a ɛnyɛ yie Deɛ mede wo reyɔ Aane, obi aberanteɛ ei, me nyɛ o Da biara, me nyɛ Saa ara na ɛteɛ, obiara ba nyɛ ei Menyɛ mo deɛn? Menka mo sɛn? Me nko ara, (yɛse) me nyɛ (o) Me nyɛ o, me nyɛ Deɛ mobɛyɛ me biara no a ɛnyɛ yie Deɛ mede wo reyɔ, ei" Hwɛ! Ne papa frɛ no Kwaku (Kwaku) N'a'foɔ frɛ no Nkrampan (ei) Wakɔ sukuu, wakɔnya aborɔfo din, Kwaku Sampson Sukuu ataadeɛ a ɛhyɛ noɔ Yɛabɔ no abombɛlɛt, nanso ɛda ho henhan no Efiri Sign one (Sign one), kɔka Sign six (Sign six) Akoa yi na abɔn (oh) Na wakɔ sukuu mfie nsia, wafaile mpren nsia Sukuu fees, ɔntua Ɛnkwadaa aduane a, wagye adi Woɔ tikyani a wobɛka no, ɔbɛhwe wo Hwee atikyafoɔ yi saa ma afei, yɛyade Yɛse yɛnkyerɛ adeɛ bio (ah) Sukuu baako pɛ a ɛwɔ kuro yi, akoa yi agu no Wanom nkwadaa no nyinaa, susuroo Annu' nnaanu, anni nansa, Kwasiada (Kwaku) Kwaku Sampson, wasakra Ɔmo mfa no nkɔ asɔre (asɔre?) Asɔre bɛn na ɔbɛkorɔ a? Ɔse, "Baaserɛ" Ɔkɔɔ Baaserɛ (ɔkɔɔ Baaserɛ) Yɛabɔ mpaeɛ, yɛato dwom, yɛregye 'collection' (oh) Kwaa Nkrampan asakera deaa Collection, obiara bɛto, yɛreyi Nyame ayɛ Na obi apagya nnwom, ah "Hosanna, hosanna o, mommɔ No ose (aane) Hosanna, mommɔ No ose Nkrampan asakera, mommɔ No ose (ei) Hosanna, mommɔ No ose, huh Wompɛ m'asɛm, wose me nyɛ Da biara, me nyɛ Saa ara na ɛteɛ, obiara ba nyɛ Menyɛ mo deɛn? Menka mo sɛn? Me nko ara, me nyɛ o Me nyɛ o, me nyɛ Deɛ mobɛyɛ me biara no a ɛnyɛ yie Deɛ mede wo reyɔ Aane, obi aberanteɛ ei, me nyɛ o Da biara, me nyɛ Saa ara na ɛteɛ, obiara ba nyɛ ei Menyɛ mo deɛn? Menka mo sɛn? Me nko ara, (yɛse) me nyɛ o Me nyɛ o, me nyɛ Deɛ mobɛyɛ me biara no a ɛnyɛ yie Deɛ mede mo reyɔ, ei Ei, Agya Ananta, ɔyii serɛ nnum (serɛ nnum) Ɔde maa ne ba Nkrampan, ɔmfa nkɔtom Wasɔre kɔ n'anim (aah) Obiara rehim (yɛrehim), "Ɔyɛ Nkunimdi Frankaa" Ɔmo rehim o, ama aman nyinaa ahunu sɛ Collection sika yi, akoa yi de kɔ (ɔde kɔ) Ɔretwi nkɛntɛnoa, ɔkɔ (ah) Agya Ananta, yɛrebɔ no soboɔ Nkrampan korɔ yi ara bio? Yɛse sukuu baako a ɛwɔ kuro yi, wagu no Kuro yi adehyeɛ nso a waboro yɛn Afei yɛakɔ asɔre a (yɛakɔ asɔre) yɛato yɛn collection (ah) Ɛno nso so a, woagye adi Ɔresi patapaa akɔnkɔn (yɛntwe mma no) Akɔkoa yi a, Nkrampan, wowoo no, yɛhuu no Yɛma wo nnaawɔtwe mmienu Yɛregye yɛn collection sika, ɛnyɛ saa a adi ayɛ wo Akoa no a ɔbɔ Baasere asɔre organ no se ɔhuu Nkrampan Na n'ani kyerɛ Kɔkɔte, Kɔkɔte? (Ah) ɔmo ne Kɔkɔdɛ na ɛbɔ hyeɛ Na yɛretwe manso Agya Ananta, ne nsa gu ne ti Wowo a, amane, woanwo a, amane Kwaku Sampson akɔpie Kɔkɔte (ɔfaa hen?) Ɔde collection sika yi, wanya girl (ɔkɔ) Girl no a ɔnyaa no no? (Aah) Kɔkɔtehene ba baa, Nana apene so Kɔkɔdɛfoɔ se yɛregye yɛn dehyeɛ (yɛregye) Kɔkɔtefoɔ se ɔmo mfa no mma Ayɛ nsɛm pii (aah) Ha, Kɔkɔdɛ ne Kɔkɔte? Worepɛ asɛm a ɛsiieɛ a, hyia me afe sɛsɛɛ Afe sɛsɛɛ hyia me Wompɛ m'asɛm, wose me nyɛ Da biara, me nyɛ Saa ara na ɛteɛ, obiara ba nyɛ Menyɛ mo deɛn? Menka mo sɛn? Me nko ara, me nyɛ o Me nyɛ o, menyɛ Deɛ mobɛyɛ me biara no a ɛnyɛ yie Deɛ mede wo reyɔ Aane, obi aberanteɛ ei, me nyɛ o Da biara, me nyɛ Saa ara na ɛteɛ, obiara ba nyɛ ei Menyɛ mo deɛn? Menka mo sɛn? Me nko ara, (yɛse) me nyɛ (o) Me nyɛ o, me nyɛ Deɛ mobɛyɛ me biara no a ɛnyɛ yie Deɛ mede wo reyɔ, ei Wompɛ m'asɛm, wose me nyɛ Da biara, me nyɛ Saa ara na ɛteɛ, obiara ba nyɛ Menyɛ mo deɛn? Menka mo sɛn? Me nko ara, me nyɛ o Me nyɛ o, menyɛ Deɛ mobɛyɛ me biara no a ɛnyɛ yie Deɛ mede wo reyɔ Aane, obi aberanteɛ ei, me nyɛ o Da biara, me nyɛ Saa ara na ɛteɛ, obiara ba nyɛ ei Menyɛ mo deɛn? Menka mo sɛn? Me nko ara, (yɛse) me nyɛ (o) Me nyɛ o, me nyɛ Deɛ mobɛyɛ me biara no a ɛnyɛ yie Deɛ mede wo reyɔ, ei