Obiaa Ba Nnye
Okomfour Kwadee
7:03Merekɔ mmaapɛ, sɛ menya bi a Tuntum a, tuntum sɛ 'yuo Kɔkɔɔ a, kɔkɔɔ sɛ 'sie Na mede no aba fie Watwe ama me, mɛyɔ ama no, na mɛwaa no Ɛnnɛ anwummerɛ yi, yɛrekɔ mmaapɛ o Sɛ yɛnya bi a Atuntum a, tuntum sɛ yuo o Kɔkɔɔ a, kɔkɔɔ sɛ 'sie Na yɛde wɔn aba fie Yɛatwe ama yɛn, yɛayɔ ama wɔn, na yɛrewaa wɔn awu o Aberanteɛ, madi mfie 20 (20) Me nso masi me mmaapɛm', nansa yi, menna fie Meda mmaa mu redi mpipiragorɔ Ɛhɔ ara na mereda ama me ho abaa meɛ Na ɛda a me ne baako afuru pee no (pee) Me ara me bo dwɛ, me maame na ɛkaaeɛ (ah) Ɔse, "Kwadwo ei, to wo bo ase o Na wo bo so nkuronwii, afei na worenyini" Maame koraa, tweaa, m'aafoɔ a me ne wɔn sii so deɛ Obiara wɔ girl o (yɛwɔ girls) Aka me nko ara, aberanteɛ a me ho tua me ho soɔ Mereyɛ ayɛ kwa Mɛkɔ mmaa adwasuo, agya Menya baako a mepɛ a mato no abasakɔnmu Mmaa adwasuo, worekɔ a boa wo ho Akɔkoa, sɛ wobɛnya bi a, agye ɛhyɛ wo ho (ɛhyɛ wo ho) Na wo maame abɔsoɔ mu na wodidi a Wo ne hwan kɔka, sɛ ɔmma wo sika nkɔ mmaapɛ? (Hey) Anya ayɛ ka, masane abɔsoɔ yi, na masi dwam' Me ne mma no, yɛrekɔdi y'anum Mahyia baako, kɛseɛ paa baako (hwɛ) Ɔbaa kɛseɛ, mahan taxi Yɛnkɔ na menyɔ mma wo dodo Ɔbaa kɛseɛ yi atwi afa me so Ɔne ne sugar daddy, ɔmo twi baby Benz (baby Benz) Mahan taxi, mahan taxi o, mahan taxi o (boy) Merekɔ mmaapɛ (merekɔ mmaapɛ) na wose sɛn? Merekɔ mmaapɛ, sɛ menya bi a Tuntum a, tuntum sɛ 'yuo Kɔkɔɔ a, kɔkɔɔ sɛ 'sie Na mede no aba fie Watwe ama me, mɛyɔ ama no, na mɛwaa no Ɛnnɛ anwummerɛ yi, yɛrekɔ mmaapɛ o Sɛ yɛnya bi a Atuntum a, tuntum sɛ yuo o Kɔkɔɔ a, kɔkɔɔ sɛ 'sie Na yɛde wɔn aba fie Yɛatwe ama yɛn, yɛayɔ ama wɔn, na yɛrewaa wɔn awu o (bɔe, asɛm o) Wobisa mpanimfoɔ a, yɛse "Fiada anwummerɛ (ah) Fiada anwummerɛ ara na mmaapɛ ɛ'dɛ" (ɛ'dɛ) Mokeka a, Memeneda awia na moahyia Nkɔmmɔdidiem', fa hyɛ Kwasiada (oh) Ɔpɔn asɔre a, morekɔdi mmootuo Mmootuo ase deɛ, w'ani twa mmaa yi a na w'ayaase gye wo wim Wofrɛ a na wosuro (ɔsuro) Nunu no kakra, ɔboa Modi mmootuo yi wie sei pɛ, ada no so N'ani aha ne ho, ɛno, ɔda w'abam' Woda ho a, Dwoada anɔpa, wonkɔ adwuma Mmaapɛ nyɛ agorɔ (ɛnyɛ agorɔ) urgh Yɛka aberanteɛ deaa, wo deɛ ne ababaawa (hwɛ) Ɔpanin, worepɛ maame Na nkɔkora ne mmerewa, yɛde ɔdɔpa akɔ owuo Nansa yi deɛ (ei) mmaapɛ adane (aane) Nkɔkora mpɛ mmerewa, mmaayewa mpɛ mmeranteɛ Obiara di kyɛmpɛ, hwɛ Na wo ne osikani kɔ mmaapɛ a, wonnya bi (hey) Ɔde sika bɛdi rough, mmaa bɛtwe ama no Mereka yi, adeɛ a wobɛdi koraa wonya Ɛ'ya, na wo ara wonnim sɛ ɛ'ya paa ara? (Ɔnnim o) Ɛ'ya (ɔnnim) ɛ'ya, yɛnkɔ mmaapɛ ɛ Merekɔ mmaapɛ, sɛ menya bi a Tuntum a, tuntum sɛ 'yuo Kɔkɔɔ a, kɔkɔɔ sɛ 'sie Na mede no aba fie Watwe ama me, mɛyɔ ama no, na mɛwaa no Ɛnnɛ anwummerɛ yi, yɛrekɔ mmaapɛ o Sɛ yɛnya bi a Atuntum a, tuntum sɛ yuo o Kɔkɔɔ a, kɔkɔɔ sɛ 'sie Na yɛde wɔn aba fie Yɛatwe ama yɛn, yɛayɔ ama wɔn, na yɛrewaa wɔn awu o (Gyae, gyae, wei, gyae) Wokɔ mmaapɛ na woanya bi a na woampɛ wo sɛsoɔ (turodoo) Ɔmanhene bi ba baa atwe ama me, mɛkɔ makɔyɔ ama no Mekɔɔeɛ a, yɛmaa me bɛntoa, memfa nkɔsa Paapaa m'asom ara aah, na yɛbɔɔ m'anim powder (oh) Hɔnom ara na yɛmaa me twaa nwom, mese "Wo ba yi bɛku me o, sotorɔ yi, mɛgye o M'asom da hɔ, aane, mommɔm', nka yɛreku me (ɛbam) Efiri hɔnom ara na meyɛɛ no asɔre lie Asɔrefoɔ mmaapɛ (ei) ɛ'fɛ sɛɛ A'sɛ ɔpɛ, asa ɔmpɛ, ɔtaretare ho Ɔde adane mpaebɔ (ah) ɔntumi nkɔ animu Brother Emmanuel (eh) Sister Patience Ɔmo redi sumase dɔ, daa akɔneaba Mmeranteɛ ne mmabaawa, anwummerɛ yi ɛda hen? (Ɛda hen?) Yɛnkɔ mmaapɛ anaa? Merekɔ mmaapɛ, sɛ menya bi a Tuntum a, tuntum sɛ 'yuo Kɔkɔɔ a, kɔkɔɔ sɛ 'sie Na mede no aba fie Watwe ama me, mɛyɔ ama no, na mɛwaa no Ɛnnɛ anwummerɛ yi, yɛrekɔ mmaapɛ o Sɛ yɛnya bi a Atuntum a, tuntum sɛ yuo o Kɔkɔɔ a, kɔkɔɔ sɛ 'sie Na yɛde wɔn aba fie Yɛatwe ama yɛn, yɛayɔ ama wɔn, na yɛrewaa wɔn awu o Merekɔ mmaapɛ, sɛ menya bi a Tuntum a, tuntum sɛ 'yuo Kɔkɔɔ a, kɔkɔɔ sɛ 'sie Na mede no aba fie Watwe ama me, mɛyɔ ama no, na mɛwaa no Ɛnnɛ anwummerɛ yi, yɛrekɔ mmaapɛ o Sɛ yɛnya bi a Atuntum a, tuntum sɛ yuo o Kɔkɔɔ a, kɔkɔɔ sɛ 'sie Na yɛde wɔn aba fie Yɛatwe ama yɛn, yɛayɔ ama wɔn, na yɛrewaa wɔn awu o Ɛnnɛ anwummerɛ yi, yɛrekɔ mmaapɛ o Sɛ yɛnya bi a Atuntum a, tuntum sɛ yuo o Kɔkɔɔ a, kɔkɔɔ sɛ 'sie Na yɛde wɔn aba fie Yɛatwe ama yɛn, yɛayɔ ama wɔn, na yɛrewaa wɔn awu o